worcester massachusetts Ɔgyefoɔ 2020 dawurobɔ krataa · 3/20/2020  · adanee a wɔre bɛyɛ no...

4
Kelley Square Nsiesie Dwumadie worcester massachusetts ƐFA DWUMADIE YI HO Ɔgyefoɔ 2020 Dawurobɔ krataa Wɔ ahyɛ Kelley Square Nsiesie Dwumadie ase fi Ahinime 2019. Massachuses Atenaeɛ a ɛhwɛ Akɔneabadie so (MassDOT), ɛne Wocester Kuro no na aka abom reyɛ dwumadie yi de mpontuo ne banbɔ aba dwumadie a ɛkɔ so wɔ Kelley Square ɛne akwan a ɛbenbɛn ho. Dwumadie yi a ɛhoka yɛ $14.7 million no rekɔ so de ahwɛ asiesie ɔhaw ɛne banbɔ nsɛm a wɔn a wɔnam kwan ho, wɔn a wɔre twi sakre ɛne wɔn a wɔte kaa mu fa mu, na wɔn asan so aboa nwuma ne wɔn a wɔte hɔ na wɔfrɛ Kelley Square sɛ wɔn fie. Sɛ wɔ wie a, Kelley Square Nsiesie Dwumadie no bɛma Kelley Square ayɛ roundabout a nsesaeɛ wɔ mu, ayɛ mpontuo wɔ akwan a ɛbɛbɔ mu, na wɔde abɛɛfo nneɛma afoforɔ aba ama wɔn a wɔnam akwan ahodoɔ so di akɔneaba. Dwumadie no Nsɛm Tiriw: Wɔre bɛ dane Kelley Square ani ayɛ no roundabout Madison Street: Wɔde faako a wɔde kaa besie wɔ kwan no afiso Rema mpontuo mmra nsiesiedeɛ ɛne nkanea a ɛsa kwan ho Wɔre yɛ kwan a nnipa dodoɔ namso Green Street: Rema mpontuo mmra nsiesiedeɛ ɛne nkanea a ɛsa kwan ho Wɔre yɛ kwan a nnipa dodoɔ namso Harding Street North of Kelley Square: Rema mpontuo mmra nsiesiedeɛ ɛne nkanea a ɛsa kwan ho Wɔre yɛ kwan a nnipa dodoɔ namso Wɔre si sakre kwan a ɛkɔbɔ Kelley Square mu Roundabout foforɔ wɔ Arwiɔk Avenue/ Millbury Street/ Harding Street Wɔre dane faako a Millbury Street ɛne Harding Street anihwɛ no sɛdeɛ wɔ betumi ne Kelley Square roundabout no adi dwuma Kelley Square Dwumadie nnianim Sɛdeɛ Kelley Square te seeseiara Sɛ wore pɛ nsɛmpii a, yɛsrɛ frɛ: [email protected] Dwumadie no Website: hps://www.mass.gov/worcester-kelley-square-improvement-project

Upload: others

Post on 23-Jul-2020

0 views

Category:

Documents


0 download

TRANSCRIPT

Page 1: worcester massachusetts Ɔgyefoɔ 2020 Dawurobɔ krataa · 3/20/2020  · Adanee a wɔre bɛyɛ no afebɔɔ no bɛma Millbury Street abɛbɔ trafik no mu wɔ kwan mapa so, ama adrɔbafoɔ

Kelley Square Nsiesie Dwumadieworcester massachusetts

ƐFA DWUMADIE YI HO

Ɔgyefoɔ 2020 Dawurobɔ krataa

Wɔ ahyɛ Kelley Square Nsiesie Dwumadie ase fiti Ahinime 2019. Massachusetts Atenaeɛ a ɛhwɛ Akɔneabadie so (MassDOT), ɛne Wocester Kuro no na aka abom reyɛ dwumadie yi de mpontuo ne banbɔ aba dwumadie a ɛkɔ so wɔ Kelley Square ɛne akwan a ɛbenbɛn ho. Dwumadie yi a ɛhoka yɛ $14.7 million no rekɔ so de ahwɛ asiesie ɔhaw ɛne banbɔ nsɛm a wɔn a wɔnam kwan ho, wɔn a wɔre twi sakre ɛne wɔn a wɔte kaa mu fa mu, na wɔn asan so aboa nwuma ne wɔn a wɔte hɔ na wɔfrɛ Kelley Square sɛ wɔn fie.

Sɛ wɔ wie a, Kelley Square Nsiesie Dwumadie no bɛma Kelley Square ayɛ roundabout a nsesaeɛ wɔ mu, ayɛ mpontuo wɔ akwan a ɛbɛbɔ mu, na wɔde abɛɛfo nneɛma afoforɔ aba ama wɔn a wɔnam akwan ahodoɔ so di akɔneaba.

Dwumadie no Nsɛm Titiriw:

• Wɔre bɛ dane Kelley Square ani ayɛ no roundabout

• Madison Street:

• Wɔde faako a wɔde kaa besie wɔ kwan no atifiso

• Rema mpontuo mmra nsiesiedeɛ ɛne nkanea a ɛsa kwan ho

• Wɔre yɛ kwan a nnipa dodoɔ namso

• Green Street:

• Rema mpontuo mmra nsiesiedeɛ ɛne nkanea a ɛsa kwan ho

• Wɔre yɛ kwan a nnipa dodoɔ namso

• Harding Street North of Kelley Square:

• Rema mpontuo mmra nsiesiedeɛ ɛne nkanea a ɛsa kwan ho

• Wɔre yɛ kwan a nnipa dodoɔ namso

• Wɔre si sakre kwan a ɛkɔbɔ Kelley Square mu

• Roundabout foforɔ wɔ Arwiɔk Avenue/ Millbury Street/ Harding Street

• Wɔre dane faako a Millbury Street ɛne Harding Street anihwɛ no sɛdeɛ wɔ betumi ne Kelley Square roundabout no adi dwuma

Kelley Square Dwumadie nnianim Sɛdeɛ Kelley Square te seeseiara

Sɛ wore pɛ nsɛmpii a, yɛsrɛ frɛ: [email protected] no Website: https://www.mass.gov/worcester-kelley-square-improvement-project

Page 2: worcester massachusetts Ɔgyefoɔ 2020 Dawurobɔ krataa · 3/20/2020  · Adanee a wɔre bɛyɛ no afebɔɔ no bɛma Millbury Street abɛbɔ trafik no mu wɔ kwan mapa so, ama adrɔbafoɔ

Kelley Square Nsiesie Dwumadieworcester massachusetts

DWUMADIE NO NKANKRƆ

Wɔ hyɛɛ Kelley Square dwumadie no ase wɔ Ahinime 2019 mu. Wɔ berɛ a wɔ wie dwumadie a wɔde asɔ bɔɔ fam a nnipa pii baaeɛ no akyire wɔ Ahinime 31, 2019 no, na wɔ pegyaa dwumadie no mu no, amansan dawurobɔ nhyiamu a ɛkɔɔ so wɔ Obubuo 20, 2019 no buee dwumadie a na ɛre bɛkɔso no aniso kyerɛɛ ɔmanfoɔ ɛne akwan a wɔ namso de bɛbɔ amaneɛ de ama amanfoɔ ahunu sɛdeɛ adwuma no rekɔ so.

Ɛnam adwenkyerɛ a efri amanfoɔ hɔ baaeɛ wɔ amansan dawurobɔ nhyiamu no ase nti, dwumadie no ho abadwakuo no tuu anamɔn de sɔɔ nwuma nkumaa a ɛwɔ Kelley Square asene abrɛ a yɛ sesaa nkaebɔ ahyɛnsodeɛ ɛna yɛde kasa nso kaa dwumadie no website ho wɔ nnawɔtwe nnawɔtwe email a ɛfa deɛ wɔre hwɛ anim no ho a ɛma wo hunu sɛ nwuma a ɛwɔ faako a dwumadie no nyinaa rekɔ so di dwuma ɛna wɔ ayɛ ahoboa sɛ wɔ bɛsom wɔ adetɔfoɔ.

Wɔ awɔberɛ wɔ 2019-20, MassDOT kontrata a ɛyɛ J.H. Lynch and Sons no akɔ nkan wɔ nwuma a ɛkɔso wɔ asaase ani bi te sɛ wɔ tutuu nnua a na esisi faako wɔ bɛyɛ roundabout no daakye ɛna sɛ wɔ apegya Madison Street mu na wɔ asana bae mu. Adwuma kɛseɛ akɔ so wɔ asaase ase, bio nso wɔde nneɛma a ɛma asetena mu henhan asisi ho, ayɛ gɔta nsiesie ɛne trafik nkanea ahyɛnsodeɛ asisi ho.

ADANEE A ƐBƐKƆ SO WƆ HARDING STREET ƐNE MILLBURY STREET – NSUTƆBERƐ A ƐREBA SO YI

Kelly Square Nsiesie Dwumadie no bɛdane Kelly Square ama no ayɛ roundabout. Anamɔntuo a ehia wɔ ahoboaboa a reye yɛ de adane nkwantanan no ayɛ no roundabout no ne sɛ wɔbɛ dane faako a trafik no anihwɛ wɔ Millbury Street ɛne Harding Street wɔ Kelley Square anaaafoɔ no afebɔɔ. Harding Street a ɛwɔ Square atifi no ho nka.

Adanee a wɔre bɛyɛ no afebɔɔ no ɛda a wɔde ahyɛ no ne Kotonimaa 5, 2020, ɛno akyi no, trafik a anihwɛ Harding Street anaafoɔ no ani bɛdane abɛhwɛ atifi na trafik wɔ Millbury Street no ani adane ahwɛ anaafoɔ. Sɛ y’annyɛ adanee no a, akwanya dekɔ Water Street, Madison Street ɛne Millbury Street no so bɛte.

Ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ Nwuma a Ɛwɔ Beaɛ hɔ

Lt. Governor Karen Polito ɛne Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Akɔneabadie so ɛne Adwuma Panin (CEO) Stephanie Pollack de asɔ rebɔ fam wɔ Ahinime 2019

Sɛ wore pɛ nsɛmpii a, yɛsrɛ frɛ: [email protected] no Website: https://www.mass.gov/worcester-kelley-square-improvement-project

Page 3: worcester massachusetts Ɔgyefoɔ 2020 Dawurobɔ krataa · 3/20/2020  · Adanee a wɔre bɛyɛ no afebɔɔ no bɛma Millbury Street abɛbɔ trafik no mu wɔ kwan mapa so, ama adrɔbafoɔ

Kelley Square Nsiesie Dwumadieworcester massachusetts

FAAKO A AKWANTUO NO ANIHWƐ

FAAKO A AKWANTUO NO ANIHWƐ

KELLEY SQUARE ARWICK AVENUE

MILLBURY STREET

END

ICO

TTST

REE

T

HARDING STREET

KOTONIMAA 5, 2020 AKYI

FAAKO A AKWANTUO NO ANIHWƐ

FAAKO A AKWANTUO NO ANIHWƐ

KELLEY SQUARE ARWICK AVENUEHARDING STREET

MILLBURY STREET

END

ICO

TTST

REE

T

TEBEA A JWCHC SEESEIARA

Adanee a wɔre bɛyɛ no afebɔɔ no bɛma Millbury Street abɛbɔ trafik no mu wɔ kwan mapa so, ama adrɔbafoɔ pii abɛfa beaɛ hɔ akɔ faako a nwuma wɔ, ɛna ɛyɛ abadwakuo no eyii wei sɛ ɛno na ɛyɛ nhyehyɛeɛ a ɛsɛ na ɛfata wɔ dwumadie no nhyehyɛeɛ mu.

Wɔ bɛsesa trafik akyerɛdeɛ a ɛwɔ Millbury Street ɛne Endicott Street so no de akyerɛ sɛ wɔ adane kwan no ani ɛne trafik a anihwɛ anaafoɔ so. Kuro no de trafik ahyɛnsodeɛ foforɔ a ɛyɛ nkwantasa sii deɛ ɛwɔ hɔ dada no ananmu wɔ nkwantanan a ɛda Harding Street ɛne Endicott Street no benya ahyɛnsodeɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔ adane kwan no ani ɛne trafik a anihwɛ atifiso.

Wɔre hwɛ anim sɛ adanee dwumadie no bɛyɛ dakro dwumadie wɔ anadwofa fiti 7:00 PM kosi 5:00 AM. Wɔ adane dwumadie berɛ no, wɔ bɛbra kaa a wɔde sisi Harding Street ɛne Millbury Street ho. Kaa biara a esi kwan abrɛ a 7:00 PM atwam no, wɔbɛ twe akɔ na ne wura no atua ho ka. Wɔ adanee berɛ no, wɔbɛ yi trafik afri Millbury ɛne Harding Streets so na wei bɛkɔ so fiti 2 AM – 5 AM. Sɛ wɔ twerɛtwerɛ kwan no so, de ahyɛnsodeɛ ɛne ɛkwan nkyɛn atwerɛtwerɛ ba kwan no so wie a, na ɛkyerɛ sɛ wɔ awie adanee no na afei wɔ asan de trafik akɔ Harding Street ɛne Millbury Street so.

Sɛ wore pɛ nsɛmpii a, yɛsrɛ frɛ: [email protected] no Website: https://www.mass.gov/worcester-kelley-square-improvement-project

Page 4: worcester massachusetts Ɔgyefoɔ 2020 Dawurobɔ krataa · 3/20/2020  · Adanee a wɔre bɛyɛ no afebɔɔ no bɛma Millbury Street abɛbɔ trafik no mu wɔ kwan mapa so, ama adrɔbafoɔ

Kelley Square Nsiesie Dwumadieworcester massachusetts

Sɛ wɔ tumi yɛ adane no wie wɔ Harding Street ɛne Millbury Street so a, roundabout soronko a akwan dodoɔ bɛbɔ mu no bɛhyɛ aseɛ apegya. Deɛ ɛka dwumadie yi fa titiriw ne sɛ roundabout soronko yi bɛma mpontuo aba sɛdeɛ trafik no sifa kɔ Kelley Square na ama trafik no ano abrɛase wɔ nkwanta a ɛwɔ akwan nsom wɔ Square no so.

Dwumadie no ahyɛaseɛ no bɛkɔ so wɔ ahuhuroberɛ wɔ 2020 mu abrɛ a kontratafoɔ de ankorɛ ne pampim ahodoɔ besisi Kelley Square so sɛdeɛ ɛbɛma banbɔ aba beaɛ a adwuma no bɛkɔ so a wɔre besi kanko a ɛda roundabout no mfinfin no, a nsiesiedeɛ ho nneɛma ka ho, nkanea ɛne asiesie adwuma no. Wɔ bɛwie mfinfin kanko a ɛmu akyekyɛ no wɔ fiti Ɔsanaa kosi Ɛbɔ bosome mu wɔ 2020 mu, na efiti Ɛbɔ kosi Ahinime bosome no, kontrata no ayɛ nneɛma nketenkete a etwatoɔ bi tesɛ ahyɛnsodeɛ ne nsaneɛ.

Wɔde roundabout kumaa foforɔ bi a ɛwɔ Arwiɔk Avenue no bɛka Millbury ɛne Harding Streets ɛne roundabout foforɔ wɔ Kelley Square no ho ama no ayɛ adwuma yie. Adwuma bɛhyɛ aseɛ akɔ so wɔ Arwiɔk Avenue no ho berɛ krɔ no ara Kelley Square deɛ no bɛhyɛ aseɛ no.

ROUNDABOUT SORONKO NO SIE ƐNE ƐHO DWUMADIE

Y’ahunu no wɔ Adwuma Bea hɔ

HUNU DEƐ ƐREKƆ SO

Sɛ wo pɛ nsɛm a ɛfa dwumadie ɛne nnawɔtwe nkaebɔ a, yɛsrɛ kɔ sra dwumadie no website so wɔ https://www.mass.gov/worcester-kelley-square-improvement-project

Twerɛ wo email no na ma wo nsa ɛnka nnawɔtwe nnawɔtwe nhwɛ anim ɛne nkaebɔ a ɛkaho defa dwumadie no ho.

Yɛsrɛ toaso ara kɔ sotɔɔ ne adidibea a wo anigye ho paa abrɛ a dwumadie no rekɔ so no. Nwuma a ɛwɔhɔ no wɔabua ɛna wɔ ayɛ ahoboa sɛ wɔbɛsom wɔn adetɔfoɔ.

Sɛ wowɔ nsɛmmisa anaa wowɔ adwenkyerɛ defa dwumadie yi ho a, wo betumi amane email akɔ [email protected] anaa frɛ dwumadie yi tetefon ahoma adwumayɛfoɔ hɔ wɔ wɔ adwuma nnɔnhwere nyinaa wɔ Brɔfo, Polish ɛne Spanish kasa mu wɔ 866-815-9749.

Sɛ wore pɛ nsɛmpii a, yɛsrɛ frɛ: [email protected] no Website: https://www.mass.gov/worcester-kelley-square-improvement-project